• 所有新生命宣教会 The New Life Mission 网站上的电子书和有声书均可免费下载
  • 探索以多种语言提供的全球性讲道
  • 查看我们已翻译成27种语言的网站
  • 第1卷新修订版已全新推出
Search

免费电子书和有声读物

水与灵的福音

阿桑特语  2

SANE KƆ NSUO NE HONHOM ASƐMPA NO MU

Rev. Paul C. Jong | ISBN 9788928209491 | 页码 325

下载免费电子书和有声读物

选择您喜欢的文件格式,安全下载到手机、电脑或平板电脑,随时随地阅读和收听讲道集。所有电子书和有声读物都完全免费。

您可以通过下方播放器收听有声读物。🔻
拥有平装书
在亚马逊购买平装书
Ɛmu Nsɛm
1. Awo Foforɔ Asɛmpa a Na Ɛwɔ Hɔ Dada no Asekyerɛ (Yohane 3:1-6)
2. Nnaadaafoɔ Ne Fekusɛmfoɔ a Wɔwɔ Kristosom Mu No (Yesaia 28:13-14)
3. Nokorɛ Honhom Mu Twetiatwa No (Exodus 12:43-49)
4. Ɛkwan a Yɛfa so ka Bɔne Kyerɛ Pɛpɛɛpɛ (1 Yohane 1:9)
5. Nnɛɛdɛeɛ a Ɛwɔ Nkyerɛkyerɛ a Ɛfa Wɔn a Wɔyii Wɔn Too hɔ ne Nyame Nyiyimu ho no (Romanfoɔ 8:28-30)
6. Asɔfoodie a Asakyera no (Hebrifoɔ 7:1-28)
7. Yesu Asubɔ no yɛ Adeɛ a Ɛhia Paa ma Ɛkwan a Wɔfa so Gye Yɛn Nkwa no (Mateo 3:13-17)
8. Momma Yɛmfa Gyidie Nyɔ Agya no Apɛdeɛ (Mateo 7:21-23)
 
Momma yɛnsane nkɔ nsuo ne Honhom asɛmpa no mu. Nyamesɛm adesua ne nkyerɛkyerɛ ahodoɔ ntumi nnye yɛn nkwa. Akristofoɔ pii da so ara di akyire, na wɔntumi nwo wɔn foforɔ. Saa nwoma yi kyerɛ yɛn pefee mfomsoɔ a Nyamesɛm adesua ne nkyerɛkyerɛ ahodoɔ ayɔ, ne kwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so gye Yesu di yie.
更多
有声书播放器

读者的书评

  • Ɛsɛ sɛ Kristosom Gyidie Nya Nsakyeraeɛ, Ateneatene, na Wɔto ne Gyidie Fapem Yie.
    Eric Aboadwe , Ghana

    Meda Onyankopɔn ase sɛ ɔdaa nokorɛ hann ne gyidie korɔgyenn a ɛnni Kristosom mu nnɛ ɛnam atorɔ nkyrɛkyerɛ ne honhom mu nnaadaa a wɔgye diiɛ, na ɛsiiɛ berɛ a Contastine de Milan Ahyɛdeɛ foforɔ baeɛ wɔ mfeɛ 313 mu wɔ yɛn Awurade wuo akyi.
    Nwoma ɛyɛ “SANE KƆ NSUO NE HONHOM ASƐMPA NO MU” ma yɛn abakɔsɛm fa nnoɔma a ɛsisiiɛ a ɛtwee Akristokfoɔ pii no ara firii twerɛ kronkron mu gyidie a na Asuafoɔ a wɔdii kan baeɛ ne wɔn a na wɔwɔ Tete Asafo no mu wɔ bie no ho. Nwoma no da sɛdeɛ Kristosom ayera hann no na ɛde ne ho akɔhyɛ nnaadaa ne gyidie a adwene nni mu, a ama kristosom asafokuo ahodoɔ ne wɔn akyidifoɔ akɔgye nnaadaa asɛmpa adie.
    Mekenkanee nwoma yi wieeɛ no, me honhom ani buee maa metee honhom mu twetiatwa ase yie wɔ nokorɛm, a ɛba mu berɛ a wɔtwa bɔne a Yesu kaa ho asɛm wɔ Marko 7:20-23 no firi yɛn akomam, a ɛnam yɛn gyidie wɔ asubɔ a Yesu nyaeɛ wɔ Yordan Asubɔntene mu firii Yohane Suboni hɔ no so ma yɛbɛyɛ nnipa a bɔne biara nni wɔn ho (Mateo 3:15-17). Yɛn AWURADE nyaa asubɔ wɔ nsagusoɔ kwan so sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔbɛhyɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Lewiticus 16:21 ma a ɛhia yie paa ma yɛn daa daa nkwagyeɛ. Nanso, wɔayi saa nokorɛ yi afiri Kristosom gyidie mu. Na ne saa nti, tumi biara nni mu a ɛno nti wɔntumi nwo pii no ara foforɔ wɔ nokorɛm.
    Twerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛtene wɔ onipa ani soɔ, nanso n`awieeɛ yɛ owuo akwan (Mmebusɛm 14:12). Deɛ ɛka ho bio nso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛmmisa tete atempɔn no, deɛ ɔkwan pa no wɔ no (Yeremia 6:16-20). Ne saa nti, megye di yie paa sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na ɔkaa Rev Paul C Jong maa no twerɛɛ nwoma a ɛyɛ “SANE KƆ NSUO NE HONHOM ASƐMPA NO MU” sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛbɛhunu ɔkwan pa no, na yɛgye nokorɛ asɛmpa a na ɛwɔ hɔ dada a Asuafoɔ a wɔdii kan baeɛ gyidiiɛ no.
    Metu Okristoni biara fo sɛ ɔbɛkenkan nwoma yi anya gyidie nsakyeraeɛ a ɛyɛ nokorɛ wɔ Kristo nsuo ne Honhom asɛmpa no mu. Nwoma yi a mekenkaneeɛ no ama mayɛ nhyira.

    更多

与该标题相关的书籍

The New Life Mission

参加我们的调查

您是如何了解到我们的?