• 所有新生命宣教会 The New Life Mission 网站上的电子书和有声书均可免费下载
  • 探索以多种语言提供的全球性讲道
  • 查看我们已翻译成27种语言的网站
  • 第1卷新修订版已全新推出
Search

免费电子书和有声读物

圣灵

阿桑特语  3

Honhom Kronkron a Ɔte Me Mu No - Ɛkwan Pa a Wobɛfa So Anya Honhom Kronkron

Rev. Paul C. Jong | ISBN 9788928230792 | 页码 382

下载免费电子书和有声读物

选择您喜欢的文件格式,安全下载到手机、电脑或平板电脑,随时随地阅读和收听讲道集。所有电子书和有声读物都完全免费。

您可以通过下方播放器收听有声读物。🔻
拥有平装书
在亚马逊购买平装书
Emu Nsɛm

Ɔfa Baako ─ Asɛnka
1. Honhom Kronkron yɛ Adwuma wɔ Nyankopɔn Bɔhyɛ Nsɛm no mu (Acts 1:4-8) 
2. Obi Bɛtumi de Ɔno Ara ne Nnwuma Atɔ Honhom Kronkron Anaa? (Acts 8:14-24) 
3. Mogyee Diiɛ no Monyaa Honhom Kronkron Anaa? (Asomafoɔ no Nnwuma 19:1-3) 
4. Wɔn a Wɔwɔ Gyidie a na Asuafoɔ wɔ no bi Pɛpɛɛpɛ no (Asomafoɔ no Nnwuma 3:19) 
5. Wopɛ sɛ Wo ne Honhom Kronkron Nya Ayɔnkofa Anaa? (1Yohane 1:1-10) 
6. Nya Gyidie sɛ Honhom Kronkron no te wo mu (Mateo 25:1-12) 
7. Asɛmpa Fɛfɛɛfɛ a Ɛma Wonya Honhom Kronkron Ma no Bɛtena W’akoma mu no (Yesaia 9:6-7) 
8. Ɛnam Hwan so na Honhom Kronkron Nkwa Nsuo no Sene? (Yesaia 7:37-38) 
9. Yesu Asubɔ Asɛmpa a Ama Yɛn ho Afi no (Efesofoɔ 2:14-22) 
10. Nante Honhom mu (Galatifoɔ 5:16-26, 6:6-18) 
11. Sɛdeɛ Wobɛhwɛ wo Bra a Honhom Kronkron Ahyɛ no ma no so (Efesofoɔ 5:6-18) 
12. Sɛdeɛ Wobɛbɔ wo Bra a Honhom Kronkron Ahyɛ no ma (Tito 3:1-8) 
13. Honhom Kronkron Nnwuma ne N’akyɛdeɛ (Yohane 16:5-11) 
14. Ɛdeɛn ne Nokorɛ Adwensakyera a Ɛma Yɛnya Honhom Kronkron no? (Asomafoɔ no Nnwuma 2:38) 
15. Sɛ Wonya Hunu Nokorɛ no Nko a na Wobɛtumi Anya Honhom Kronkron na Ɔbɛtena wo mu (Yohane 8:31-36) 
16. Wɔn a Wɔanya Honhom Kronkron Nyinaa no Dwumadie (Yesaia 61:1-11) 
17. Ɛsɛ sɛ Yɛnya Gyidie ne Anidasoɔ wɔ Honhom Kronkron mu (Romanfoɔ 8:16-25) 
18. Nokorɛ a Ɛma Wonya Honhom Kronkron a Ɔba Bɛtena Yɛn mu no (Yosua 4:23) 
19. Asɛmpa Fɛfɛɛfɛ a Ɛtee Ntoma na Ɛtwa Asɔredan no mu (Mateo 27:45-54) 
20. Wɔn a Wɔnya Suahunu wɔ Honhom Kronkron a Ɔba Bɛtena Yɛn mu no Kyerɛ Ebinom Kwan Sɛdeɛ Wɔn Nso Bɛnya Honhom Kronkron (Yohane 20:21-23) 

Ɔfa Mmienu ─ Ɛtoɔ Nsɛm
1. Nkwagyeɛ ho Adansedie 
2. Nsɛmmisa ne Nyiano 
 
Wɔ nnɛ mmerɛ yi Kristosom mu no, adeɛ a wɔtaa ka ho asɛm a ɛhia paa no yɛ “nkwagyeɛ a yɛnya firi bɔne mu” ne “Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no” ho. Nanso nnipa kakraa bi na ɛwɔ nokorɛ no mu nimdeɛ fa nnoɔma mmienu yi ho wɔ berɛ mpo a abɛyɛ asɛm hia kɛseɛ wɔ Kristosom mu no. Deɛ ɛnyɛ koraa wɔ yei ho ne sɛ, yɛntumi nhunu nwoma biara a wɔnam Twerɛ Kronkron no so na atwerɛ a ɛkyerɛ yɛn nsɛm a ɛwɔ soro ha yi no pefee. Yɛwɔ Akristofoɔ mu atwerɛfoɔ bebree a wɔde animuonyamhyɛ ma Honhom Kronkron akyɛdeɛ no anaa wɔkyerɛkyerɛ ɔbra a Honhom no ahyɛ no ma mu. Nanso wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ n’adwene mpo sɛ ɔbɛkyerɛ asɛmmisa yi a ɛhia paa no ase, a ɛne sɛ, "Ɛkwan bɛn so na ogyidini bɛtumi anya Honhom Kronkron no wɔ nokorɛm?" Adɛn ntira? Nokorɛ a ɛyɛ nwanwa wɔ mu ne sɛ, wɔantumi anya deɛ ɛhia nyinaa a na ɛsɛ sɛ wɔde twerɛ no, ɛfiri sɛ wɔnni nimdeɛ pɔtee a ɛfa ho no. Sɛdeɛ Odiyifoɔ Hosea team sɛ, "Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu," wɔ nnɛ mmerɛ yi mu no nso, Akristofoɔ pii na wɔde wɔn ho ahyɛ gyidie mu atenka wɔ anidasoɔ mu sɛ wɔbɛnya Honhom Kronkron. Wɔgye di yie sɛ, sɛ wɔn atenka mu yɛ den na wɔnya duru mpɛnpɛnsoɔ sɛ a wɔn wɔntumi nyɛ wɔn ho hwee no a, wɔbɛnya Honhom Kronkron. Nanso ɛnyɛ adeɛ ɛboro kyɛne soɔ sɛ wobɛka sɛ gyidie a wɔkura no ma Kristosom dane Shaman abosonsom bi kɛkɛ, na afei nso nneyɔeɛ a ɛte saa no firi Ɔbonsam. Nokorɛ no nkotoo na Ɔsɔfoɔ Paul C. Jong afa ato ne ho so wɔ namyɛ mu sɛ ɔbɛka. Ɔkyerɛkyerɛ atifi nsɛm a ɛhia paa no mu nyinaa yie, a wɔ mfirinhyia bebree mu no, honhom mo atwerɛfoɔ mpɛ sɛ wɔbɛbɔ so koraa no. Deɛ ɛdi kan no ɔkyerɛkyerɛ “awo foforɔ” asekyerɛ ne “Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu” no ase, na ɔkyerɛkyerɛ ayɔnkofa a ɛhia paa a ɛwɔ nnoɔma mmienu yi no ntam. Afei biribiara a ɛfa Honhom Kronkron ho no, ɔkyerɛkyerɛ ne nyinaa mu, ɛfiri “ɛkwan a yɛbɛtumi ahunu ahonhom no” so kɔsi “ɛkwan a Honhom no hyɛ yɛn ma wɔ yɛn bra mu no” so. Sɛ wopɛ sɛ wohunu nsɛm pii a ɛfa yei ho a, nwomatwerɛfoɔ no retu wo fo sɛ wobɛhwehwɛ nsɛm a ɛwɔ nwoma yi mu a wɔde agu abɛɛfo kwantenpɔn fidie computa so wɔ ha no.
更多

与该标题相关的书籍

The New Life Mission

参加我们的调查

您是如何了解到我们的?