• 所有新生命宣教會 The New Life Mission 網站上的電子書和有聲書均可免費下載
  • 探索以多種語言提供的全球性講道
  • 查看我們已翻譯成27種語言的網站
  • 第1、2卷新修訂版已全新推出
Search

免費電子書和有聲讀物

創世記

阿桑特語  23

Asɛnka a Ɛfa Gyenesis ho (Ⅱ) - Onipa Ahweaseɛ ne Onyankopɔn Nkwagyeɛ a Ɛwie Pɛyɛ

Rev. Paul C. Jong | ISBN 9788928239887 | 頁碼 237

下載免費電子書和有聲讀物

選擇您喜歡的文件格式,安全下載到手機、電腦或平板電腦,隨時隨地閱讀和收聽講道集。所有電子書和有聲讀物都完全免費。

您可以通過下方播放器收聽有聲讀物。🔻
擁有平裝書
在亞馬遜購買平裝書
Wɔ Genesis Nwoma mu no, ɛhɔ na wɔatwerɛ botaeɛ nti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn. Sɛ wɔn a wɔyɔ adansie ho nsisie adwuma wɔ krataa soɔ no reyɔ ɛdan ho adwuma a, wɔdi kan hunu dwumadie a wɔbɛyɔ no wɔ wɔn adwenem ansa na wɔafiri aseɛ ayɔ dwumadie a ɛsi wɔn ani soɔ no. Sɛdeɛ yei teɛ pɛpɛɛpɛ no, saa ara na na yɛn Nyankopɔn nso wɔ nnipa nkwagyeɛ wɔ n’adwenem mpo ansa na ɔrehyɛ ɔsoro ne asase adebɔ ase, ɔde saa botaeɛ yi a na ɛwɔ n’adwenem no bɔɔ Adam ne Hawa. Afei na ɛhia sɛ Nyankopɔn kyerɛkyerɛ yɛn ɔsoro tumi a ɛdi ɔsoro so, a yɛn ani ne yɛn honam ntumi nhunu no, wɔ berɛ a ɔde tumi a ɛdi asase yi so a yɛn nyinaa tumi hunu na yɛte aseɛ no toto deɛ ɛwɔ ɔsoro deɛ no ho.
Ansa na mpo ɔrehyɛ wiase adebɔ ase no, na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔgye nnipa nkwa wɔ pɛyɛ mu wɔ berɛ a ɔde nsuo ne Honhom asɛmpa no bɛma obiara akoma. Ɛwom sɛ wɔbɔɔ nnipa nyinaa firii dɔteɛ mu deɛ, nanso ɛsɛ sɛ wɔsua na wɔhunu nsuo ne Honhom Nokorɛ asɛmpa no, na ayɛ mfasodeɛ ama wɔn kra. Sɛ nnipa kɔ so ara tena ase wɔ berɛ a wɔnnim tumi a ɛdi ɔsoro so no a, ɛnyɛ asase yi so adeɛ nko na wɔbɛhwereɛ, na mmom wɔbɛhwere adeɛ nyinaa a ɛyɛ ɔsoro deɛ no nso aka ho bi.
更多

與該標題相關的書籍

The New Life Mission

參加我們的調查

您是如何得知我們的?