Asante 2
Chọn định dạng tệp ưa thích và tải xuống an toàn vào điện thoại di động, máy tính hoặc máy tính bảng để đọc và nghe các bộ sưu tập bài giảng mọi lúc mọi nơi. Tất cả sách điện tử và sách nói đều hoàn toàn miễn phí.
Mặc dù đại dịch Covid-19 đã kết thúc, nhưng vẫn còn những khó khăn trong việc gửi hoặc nhận sách in của chúng tôi qua đường bưu điện do nhiều tình hình quốc tế phức tạp. Khi tình hình quốc tế được cải thiện và việc gửi thư trở lại bình thường, chúng tôi sẽ tiếp tục gửi sách in qua đường bưu điện.
Meda Onyankopɔn ase sɛ ɔdaa nokorɛ hann ne gyidie korɔgyenn a ɛnni Kristosom mu nnɛ ɛnam atorɔ nkyrɛkyerɛ ne honhom mu nnaadaa a wɔgye diiɛ, na ɛsiiɛ berɛ a Contastine de Milan Ahyɛdeɛ foforɔ baeɛ wɔ mfeɛ 313 mu wɔ yɛn Awurade wuo akyi.
Nwoma ɛyɛ “SANE KƆ NSUO NE HONHOM ASƐMPA NO MU” ma yɛn abakɔsɛm fa nnoɔma a ɛsisiiɛ a ɛtwee Akristokfoɔ pii no ara firii twerɛ kronkron mu gyidie a na Asuafoɔ a wɔdii kan baeɛ ne wɔn a na wɔwɔ Tete Asafo no mu wɔ bie no ho. Nwoma no da sɛdeɛ Kristosom ayera hann no na ɛde ne ho akɔhyɛ nnaadaa ne gyidie a adwene nni mu, a ama kristosom asafokuo ahodoɔ ne wɔn akyidifoɔ akɔgye nnaadaa asɛmpa adie.
Mekenkanee nwoma yi wieeɛ no, me honhom ani buee maa metee honhom mu twetiatwa ase yie wɔ nokorɛm, a ɛba mu berɛ a wɔtwa bɔne a Yesu kaa ho asɛm wɔ Marko 7:20-23 no firi yɛn akomam, a ɛnam yɛn gyidie wɔ asubɔ a Yesu nyaeɛ wɔ Yordan Asubɔntene mu firii Yohane Suboni hɔ no so ma yɛbɛyɛ nnipa a bɔne biara nni wɔn ho (Mateo 3:15-17). Yɛn AWURADE nyaa asubɔ wɔ nsagusoɔ kwan so sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔbɛhyɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Lewiticus 16:21 ma a ɛhia yie paa ma yɛn daa daa nkwagyeɛ. Nanso, wɔayi saa nokorɛ yi afiri Kristosom gyidie mu. Na ne saa nti, tumi biara nni mu a ɛno nti wɔntumi nwo pii no ara foforɔ wɔ nokorɛm.
Twerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛtene wɔ onipa ani soɔ, nanso n`awieeɛ yɛ owuo akwan (Mmebusɛm 14:12). Deɛ ɛka ho bio nso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛmmisa tete atempɔn no, deɛ ɔkwan pa no wɔ no (Yeremia 6:16-20). Ne saa nti, megye di yie paa sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na ɔkaa Rev Paul C Jong maa no twerɛɛ nwoma a ɛyɛ “SANE KƆ NSUO NE HONHOM ASƐMPA NO MU” sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛbɛhunu ɔkwan pa no, na yɛgye nokorɛ asɛmpa a na ɛwɔ hɔ dada a Asuafoɔ a wɔdii kan baeɛ gyidiiɛ no.
Metu Okristoni biara fo sɛ ɔbɛkenkan nwoma yi anya gyidie nsakyeraeɛ a ɛyɛ nokorɛ wɔ Kristo nsuo ne Honhom asɛmpa no mu. Nwoma yi a mekenkaneeɛ no ama mayɛ nhyira.